Psalms 149


1Monkamfo Awurade.

Monto dwom foforo mma Awurade,
monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.


2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu.
Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.

3 Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din
na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.

4 Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo;
ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.

5 Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu;
na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.


6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom,
na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,

7 sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so
ne asotwe wɔ nnipa no so,

8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,
ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,

9 sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no.
Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam.

Monkamfo Awurade.
Copyright information for TwiAKNA